Isaiah 35

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛw


1 Nweatam ne asase a awo no ani begye;
sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm.
Te sɛ nhwiren no,
2ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ
ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu,
wɔde Lebanon anuonyam bɛma no
Karmel ne Saron ahoɔfɛ;
wobehu Awurade anuonyam,
yɛn Nyankopɔn tumi no.


3 Hyɛ nsa a emu agow no mu den,
hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;

4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se,
“Monhyɛ mo ho den, na munnsuro;
mo Nyankopɔn bɛba,
ɔde aweretɔ bɛba;
ananmuhyɛ a efi ɔsoro
bɛba abegye mo nkwa.”


5 Ɛno na wobebue anifuraefo ani,
na wɔama asotifo aso ate asɛm.

6 Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote,
na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu.
Nsu betue wɔ sare so,
na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.

7 Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare,
na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so.
Atu a anka sakraman te mu no,
ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.


8 Na ɔtempɔn bɛda hɔ;
wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan.
Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so;
ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so;
amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.

9 Gyata biara rentena hɔ,
na akekaboa biara rensi so;
wɔrenhu wɔn wɔ hɔ.
Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba.
Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;
anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw.
Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso,
na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.
Copyright information for TwiAKNA